29Ɛnna Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ bagua+ no nyinaa sɛ: “Me ba Solomon a Onyankopɔn apaw+ no no yɛ abofra,+ na ɔyɛ mmerɛw, nanso adwuma no sõ, efisɛ abankɛse no nyɛ onipa dea,+ na mmom Yehowa Nyankopɔn dea.
3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokware Nyankopɔn no.+