Ester 5:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Saa da no bere a Haman fii adi no, na n’ani agye+ ma ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a ohuu Mordekai wɔ ɔhene pon ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ Haman bo fuwii.+ Mmebusɛm 12:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔkwasea na ɔda n’abufuw adi da no ara,+ na onitefo kata animguase so.+ Mmebusɛm 27:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔbo mu duru ne anhwea ade mã+—ɔkwasea agyigyesɛm mu yɛ duru sen n’abien nyinaa.+
9 Saa da no bere a Haman fii adi no, na n’ani agye+ ma ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a ohuu Mordekai wɔ ɔhene pon ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ Haman bo fuwii.+