Ester 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔnyɛ dua+ a ne tenten yɛ basafa aduonum, na anɔpa+ ka kyerɛ ɔhene sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ apontow no ase anigye mu.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ+ na ɔma wɔyɛɛ dua no.+ Ester 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoe. Ester 9:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔhene hyɛe sɛ wɔnyɛ saa.+ Enti ɔhyɛɛ mmara wɔ Susan, na wɔsɛn Haman mma du no.
14 Ɛnna ne yere Seres ne ne nnamfo nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wɔnyɛ dua+ a ne tenten yɛ basafa aduonum, na anɔpa+ ka kyerɛ ɔhene sɛ wɔnsɛn Mordekai wɔ so.+ Afei wo ne ɔhene nkɔ apontow no ase anigye mu.” Asɛm no yɛɛ Haman dɛ+ na ɔma wɔyɛɛ dua no.+