19 Sɛ ɔhene bɛpene so a,+ anka ɔnhyɛ mmara a obiara nnan no,+ na wɔnkyerɛw nka Persia ne Media mmara+ ho sɛ Wasti nnsi Ɔhene Ahasweros anim bio; na ne dibea nso wɔmfa mma ɔbea foforo a ɔsen no.
17 Ná ɔhene no dɔ Ester sen mmea a wɔaka no nyinaa, enti onyaa anuonyam ne adɔe wɔ n’anim sen mmabaa a wɔaka nyinaa.+ Ɛnna ɔde abotiri bɔɔ no yɛɛ no ɔhemmaa+ sii Wasti ananmu.