Mmebusɛm 11:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye,+ na otirimɔdenfo de mmusu na ɛba ne honam so.+ Mmebusɛm 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 So wɔn a wodwen adwemmɔne no renyɛ akobɔfo?+ Na adɔe ne nokware wɔ hɔ ma wɔn a wodwen adwempa.+ Mmebusɛm 16:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛ onipa akwan sɔ Yehowa ani a,+ ɔma n’atamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.+ Mmebusɛm 19:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Ade a ɛyɛ fɛ wɔ ɔdesani ho ne n’adɔe;+ na ohiani ye sen ɔtorofo.+ Daniel 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na nokware Nyankopɔn maa Daniel nyaa ahemfie panyin no anim adɔe ne mmɔborɔhunu.+