11 Ɛnna wɔn papa Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ saa na ɛte a,+ ɛnde nea monyɛ ni: Momfa asase yi so nneɛma pa no bi ngu mo nkotoku mu mfa nkɔma ɔbarima no:+ balsam aduhuam kakra,+ ɛwo kakra,+ labdanum aduhuam ne akyenkyennuru,+ nkate ne ɔsonkoran.+
2 Ɔde dɔm kɛse pa+ ne yoma+ a wɔsosõ balsam ngo+ ne sika pii pa ne aboɔden abo baa Yerusalem. Obeduu Solomon nkyɛn, na ɔkaa biribiara a ɛda ne koma so kyerɛɛ ɔhene.+
13 Hesekia tiee wɔn, na ɔde n’adekoradan mu nneɛma nyinaa kyerɛɛ wɔn,+ dwetɛ ne sika+ ne balsam ngo+ ne ngo pa ne n’akode korabea ne biribiara a ɛwɔ n’akorae. Biribiara nni Hesekia fie ne n’ahenni mu a wamfa ankyerɛ wɔn.+