Genesis 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 W’anim fifiri mu na wubedidi kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii.+ Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”+ Genesis 47:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yakob buaa Farao sɛ: “Mede mfe ɔha aduasa na atena ase sɛ ɔhɔho.+ Ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu mã,+ na ennu mfe a m’agyanom de tenaa ase sɛ ahɔho no koraa.”+ Ɔsɛnkafo 2:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɛyaw ne ahometew nko ara na ɛwɔ n’adwuma mu, ne nna nyinaa,+ na edu anadwo nso a, ne koma ntumi nna.+ Eyi nso yɛ ahuhude ara kwa.
19 W’anim fifiri mu na wubedidi kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii.+ Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”+
9 Yakob buaa Farao sɛ: “Mede mfe ɔha aduasa na atena ase sɛ ɔhɔho.+ Ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu mã,+ na ennu mfe a m’agyanom de tenaa ase sɛ ahɔho no koraa.”+
23 Ɛyaw ne ahometew nko ara na ɛwɔ n’adwuma mu, ne nna nyinaa,+ na edu anadwo nso a, ne koma ntumi nna.+ Eyi nso yɛ ahuhude ara kwa.