Hiob 7:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Me nna twam ntɛm+ sen ɔnwemfo akurokurowa,Na ɛba awiei a anidaso+ bi nnim. Hiob 9:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Me nna twam ntɛm sen ommirikatufo;+Eguan kɔ, na ɛrenhu adepa. Yesaia 38:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mekae sɛ: “Me nna mfinimfini mu na mɛkɔ Adamoa* pon ano.+Me mfe a aka bɛbɔ me.”+