Dwom 139:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anka esum mpo renyɛ sum mma wo;+Anadwo bɛhyerɛn sɛ adekyee,+Na esum ayɛ sɛ hann.+ Yesaia 29:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔn a wɔde wɔn tirimbɔ hintaw Yehowa fee,+ na wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase+ no nnue. Wɔka sɛ: “Hena na ohu yɛn, na hena na onim yɛn ho asɛm?”+ Yeremia 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Anaa obi betumi ahintaw hintabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm ni. “So menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm ni. Amos 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Sɛ wokohintaw Karmel atifi a, mɛhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afi hɔ.+ Na sɛ wofi m’anim kɔhyɛ po ase a,+ mɛma ɔwɔ akɔ hɔ akɔkeka wɔn. Hebrifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+
15 Wɔn a wɔde wɔn tirimbɔ hintaw Yehowa fee,+ na wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase+ no nnue. Wɔka sɛ: “Hena na ohu yɛn, na hena na onim yɛn ho asɛm?”+
24 “Anaa obi betumi ahintaw hintabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm ni. “So menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm ni.
3 Sɛ wokohintaw Karmel atifi a, mɛhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afi hɔ.+ Na sɛ wofi m’anim kɔhyɛ po ase a,+ mɛma ɔwɔ akɔ hɔ akɔkeka wɔn.
13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+