Dwom 73:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ampa nea ɛhɔ yɛ toro na wode wɔn agyina.+Woama wɔahwehwe ase asɛe pasaa.+ Mmebusɛm 4:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii;+ wonnim nea ɛma wɔkɔ so hintiw.+ Yeremia 23:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ sɛ ɔkwan torotoro wɔ esum kabii mu,+ na ɛso na wobepiapia wɔn ma wɔahwehwe ase.”+ “Na mede mmusu bɛba wɔn so, wɔn akontaabu afe no,”+ Yehowa asɛm ni.
12 “Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ sɛ ɔkwan torotoro wɔ esum kabii mu,+ na ɛso na wobepiapia wɔn ma wɔahwehwe ase.”+ “Na mede mmusu bɛba wɔn so, wɔn akontaabu afe no,”+ Yehowa asɛm ni.