Dwom 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa bɛyɛ abantenten ama ɔwerɛhoni,+Ahohia bere mu abantenten.+ Dwom 46:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,+Ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.+ Dwom 91:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔbɛfrɛ me, na me nso megye no so.+Megyina n’akyi ahohia da.+Megye no na mahyɛ no anuonyam.+ Yesaia 33:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O Yehowa, dom yɛn.+ Yɛn ani da wo so.+ Yɛsrɛ wo bɛyɛ yɛn basa+ anɔpa biara,+ yɛn nkwagye wɔ ahohia bere mu.+
2 O Yehowa, dom yɛn.+ Yɛn ani da wo so.+ Yɛsrɛ wo bɛyɛ yɛn basa+ anɔpa biara,+ yɛn nkwagye wɔ ahohia bere mu.+