9 O Yehowa basa,+ nyan ɛ, nyan na hyɛ ahoɔden!+ Nyan te sɛ nea woyɛe tete no, te sɛ awo ntoatoaso a atwam no.+ Ɛnyɛ wo na wububuu Rahab mu pasaa,+ na wuhwirew asuboa kɛse no mu no?+
9 Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+ Na n’ankasa bɔfo gyee wɔn.+ Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti ogyee wɔn,+ na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete nna no nyinaa mu.+