Atemmufo 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mmepɔw nan fii Yehowa anim,+Sinai+ fii Israel Nyankopɔn+ Yehowa anim.+ Mika 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na mmepɔw bɛnan wɔ ne nan ase+ na asasetaw mu apaapae sɛnea ogya nan ɛwokyɛm,+ te sɛ nsu a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ sian. Nahum 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɔno nti mmepɔw wosow, na nkoko nan.+ Asase behu n’anim abɔ birim, wiase ne emufo nyinaa.+ Habakuk 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.
4 Na mmepɔw bɛnan wɔ ne nan ase+ na asasetaw mu apaapae sɛnea ogya nan ɛwokyɛm,+ te sɛ nsu a wɔahwie agu baabi a ɛhɔ sian.
6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.