1 Samuel 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ehu hyɛ ahoɔdenfo a wonim agyan tow mã,+Nanso wɔn a wɔyɛ mmerɛw ahoɔden dɔɔso.+ 2 Samuel 22:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔso ama ɔsa,+Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase wɔ me nan ase.+ Dwom 18:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nokware Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden+ bɔ me abɔso,Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ,+ Dwom 84:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu;+Wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.+ Yesaia 40:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ɔma nea wabrɛ no tumi,+ na nea onni ahoɔden+ pii no ɔma onya no mmoroso. 2 Korintofo 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso yɛwɔ saa ademude+ yi wɔ anwenne+ mu sɛnea ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.+ Filipifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.+
7 Nanso yɛwɔ saa ademude+ yi wɔ anwenne+ mu sɛnea ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.+