1 Beresosɛm 29:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yɛn de, yɛyɛ ahɔho ne atubrafo+ w’anim te sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma,+ na anidaso nnim. Hiob 14:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Opue sɛ nhwiren, na wotwa no kyene;+Oguan sɛ sunsuma,+ na ɔntena ase bio. Dwom 102:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me nna ayɛ sɛ sunsuma a ɛreyera,+Na me de, matwintwam sɛ wura.+ Dwom 144:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Onipa wɔ hɔ yi, ɔte sɛ mframa ara kwa;+Ne nna te sɛ sunsuma a etwam.+ Yakobo 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.+
15 Yɛn de, yɛyɛ ahɔho ne atubrafo+ w’anim te sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma,+ na anidaso nnim.