Yosua 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 nsu a efi atifi reba no nyinaa begyinaa faako. Ɛyɛɛ ɔtare kɛse+ wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan.+ Enti nsu a ɛsen kɔ Araba po, Nkyene Po,+ no mu no twae koraa ma ɔman no tumi twa kɔɔ Yeriko ntentenso. Dwom 74:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wo na wopaee asuti ne asuten mu;+Wo na womaa asubɔnten a ɛsen daa yowee.+
16 nsu a efi atifi reba no nyinaa begyinaa faako. Ɛyɛɛ ɔtare kɛse+ wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan.+ Enti nsu a ɛsen kɔ Araba po, Nkyene Po,+ no mu no twae koraa ma ɔman no tumi twa kɔɔ Yeriko ntentenso.