Exodus 19:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na wusiw bɛkataa Bepɔw Sinai nyinaa so+ te sɛ fononoo mu wusiw,+ efisɛ Yehowa nam ogya+ mu sian baa so, na bepɔw mũ no nyinaa wosowee denneennen.+ Exodus 20:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Afei nkurɔfo no nyinaa huu anyinam ne bepɔw a efi wusiw no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyigyei no. Bere a wohui no, wɔn ho popoe na wokogyinaa akyirikyiri.+ Atemmufo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa, bere a wufii Seir,+Bere a wufii Edom asase so bae+ no,Asase wosowee,+ ɔsoro asusow tuei,+Na omununkum gyaa nsu mu. Dwom 29:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na ɔma ehuruhuruw sɛ nantwi ba;+Ɔma Lebanon ne Sirion+ huruhuruw sɛ ɛkoɔ mma. Dwom 68:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Asase wosowee,+Ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn nti;+Sinai yi nso wosowee, Onyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn nti.+ Yeremia 4:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Mehwɛɛ mmepɔw, na hwɛ! na ɛrewosow, na nkoko nyinaa nso rehinhim.+ Habakuk 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.
18 Na wusiw bɛkataa Bepɔw Sinai nyinaa so+ te sɛ fononoo mu wusiw,+ efisɛ Yehowa nam ogya+ mu sian baa so, na bepɔw mũ no nyinaa wosowee denneennen.+
18 Afei nkurɔfo no nyinaa huu anyinam ne bepɔw a efi wusiw no, na wɔtee aprannaa ne abɛn nnyigyei no. Bere a wohui no, wɔn ho popoe na wokogyinaa akyirikyiri.+
4 Yehowa, bere a wufii Seir,+Bere a wufii Edom asase so bae+ no,Asase wosowee,+ ɔsoro asusow tuei,+Na omununkum gyaa nsu mu.
8 Asase wosowee,+Ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn nti;+Sinai yi nso wosowee, Onyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn nti.+
6 Ɔtew gyinae sɛ ɔbɛwosow asase.+ Ɔhwɛe, na ɔmaa aman ho popoe.+ Na mmepɔw a ɛwɔ hɔ daa dwiriw gui,+ na nkoko a etim hɔ fi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan fi teteete.