5 nanso saa nnipa no resom wɔ ɔsoro nneɛma no nsusuwso+ ne ne sunsuma+ mu; ɛte sɛ bere a Mose rebesi ntamadan+ no, Onyankopɔn maa no ahyɛde+ yi: Na ɔka sɛ: “Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa sɛnea ne nhwɛsode a mede kyerɛɛ wo bepɔw no so no te.”+
10Na esiane sɛ Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma+ na ɛnyɛ nneɛma no adeban ankasa nti, nnipa ntumi mfa afɔre koro no ara a wɔbɔ no afe afe no so mma wɔn a wɔba no nwie pɛyɛ+ da.