6 “Momma mo ani so nhwɛ soro,+ na monhwɛ asase wɔ fam. Na ɔsoro behuw akɔ te sɛ wusiw+ na asase agow atetew te sɛ atade,+ na ɛsotefo awuwu te sɛ ntontom. Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa,+ na me trenee rensɛe.+
24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kurow kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awiei,+ na wɔmpata mfomso,+ na wɔmfa trenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehu ne adiyifo so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+