13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama mabotow. Mesrɛ wo, ma menhwe Yehowa nsam+ mmom, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii,+ na onipa nsam de, mma mennhwe.”+
7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+
11 Hwɛ! Yebu wɔn a wɔagyina mu no anigyefo.+ Moate Hiob+ boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae,+ sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.+