2 Samuel 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wo fie ne w’ahenni betim w’anim afebɔɔ, na w’ahengua nso betim afebɔɔ.”’”+ 1 Beresosɛm 17:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔno na obesi ofie ama me,+ na mɛma n’ahengua atim afebɔɔ.+ Dwom 89:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mɛma n’aseni atim daa daa,+Na n’ahengua bɛyɛ sɛ ɔsoro nna.+ Dwom 102:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 W’asomfo mma bɛkɔ so atena ase;+Na wɔn asefo betim w’anim.”+