Mmebusɛm 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame ade, nanso hia ara na ehia no.+ Mmebusɛm 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+ Mmebusɛm 28:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na nea oyi n’ani de, obenya nnome pii.+ Mateo 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Anigye ne mmɔborɔhunufo,+ efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ. Mateo 10:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Nea ogye odiyifo bi sɛ ɔyɛ odiyifo nti no benya odiyifo akatua,+ na nea ogye ɔtreneeni sɛ ɔyɛ ɔtreneeni nti no benya ɔtreneeni akatua.+ Hebrifo 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfo+ na moda so som wɔn no. Yakobo 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na nea onhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmu mu. Mmɔborɔhunu di atemmu so nkonim.
41 Nea ogye odiyifo bi sɛ ɔyɛ odiyifo nti no benya odiyifo akatua,+ na nea ogye ɔtreneeni sɛ ɔyɛ ɔtreneeni nti no benya ɔtreneeni akatua.+
10 Na Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfo+ na moda so som wɔn no.