Mmebusɛm 17:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Paanoo wosee a asomdwoe wom+ ye sen ofie a afɔrebɔde a wɔko ho ahyɛ mu mã.+ Mmebusɛm 19:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔba kwasea ma ne papa hu amane,+ na ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa.+ Mmebusɛm 27:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔyere gyigyefo te sɛ ɔdan a enwini na ɛpam onipa osutɔ da.+