Deuteronomium 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma wo koma anaa wo nsam nnyɛ den wɔ wo nua hiani no so.+ Dwom 41:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+Yehowa begye no ahohia da mu.+ Mmebusɛm 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ɔkra yamyefo bɛdɔ srade,+ na nea ɔma ebinom mee no, ɔno nso, wɔbɛma wamee.*+ Luka 6:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo. Hebrifo 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfo+ na moda so som wɔn no.
7 “Sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mma wo koma anaa wo nsam nnyɛ den wɔ wo nua hiani no so.+
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.
10 Na Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfo+ na moda so som wɔn no.