Mmebusɛm 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nya nyansa,+ nya ntease.+ Mma wo werɛ mmfi, na nnan wo ho mfi m’anom nsɛm ho.+ Mmebusɛm 16:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nyansa nya de, O hwɛ sɛnea eye sen sika!+ Na ntease, sɛ wɔpaw a, eye sen dwetɛ.+ Adiyisɛm 3:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 enti mitu wo fo sɛ tɔ sika+ a wɔde gya apa mu fi me nkyɛn na woayɛ ɔdefo, ne ntade nguguso fitaa na woatumi asiesie wo ho na wɔanyi w’adagyaw so amma w’ani anwu,+ na tɔ aniduru a wode bɛsra w’ani+ na woahu ade.
18 enti mitu wo fo sɛ tɔ sika+ a wɔde gya apa mu fi me nkyɛn na woayɛ ɔdefo, ne ntade nguguso fitaa na woatumi asiesie wo ho na wɔanyi w’adagyaw so amma w’ani anwu,+ na tɔ aniduru a wode bɛsra w’ani+ na woahu ade.