15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+
4Mesan hwɛɛ nhyɛso+ a wɔde ba nnipa so owia ase nyinaa, na hwɛ! mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu,+ nanso wonni ɔwerɛkyekyefo biara;+ tumi wɔ nhyɛsofo no nsam ma enti wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nni ɔwerɛkyekyefo biara.
4“Basan+ anantwibere a mugu Samaria+ bepɔw so a musisi abrɛfo+ na mububu ahiafo, mo a moka kyerɛ mo wuranom sɛ, ‘Momfa mmra mma yɛnnom!’ no, muntie asɛm yi.