Exodus 11:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao pirim ne koma, na wamma Israelfo no amfi n’asase so ankɔ.+ 2 Beresosɛm 36:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam+ no mpo, ɔtew ne so atua;+ ɔkɔɔ so sen+ ne kɔn na ɔmaa ne koma yɛɛ den,+ na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn. Dwom 75:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mommma mo abɛn so nnkɔ soro.Munnsen mo kɔn mo kasa mu.+ Yeremia 17:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wosen wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye nteɛso.”’+
10 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao pirim ne koma, na wamma Israelfo no amfi n’asase so ankɔ.+
13 Ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam+ no mpo, ɔtew ne so atua;+ ɔkɔɔ so sen+ ne kɔn na ɔmaa ne koma yɛɛ den,+ na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn.