Leviticus 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 me nso mɛma osu atɔ ne bere mu,+ na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na wuram nnua asow aba pii.+ Hiob 36:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔboaboa nsukoko ano;+Ɛtɔ sɛ osu ne obosu, Hiob 38:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Hena na obetumi de nyansa akan omununkum pɛpɛɛpɛ,Na obetumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsu,+ Yeremia 10:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsu bobom wɔ soro,+ na ɔma suwusiw fi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osu,+ na ɔde mframa fi n’asan mu ba.+
13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsu bobom wɔ soro,+ na ɔma suwusiw fi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osu,+ na ɔde mframa fi n’asan mu ba.+