23 Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Yehowa pɛ sɛ okum yɛn a, anka ɔrennye yɛn nsam ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no,+ na anka ɔremma yenhu eyinom nyinaa, na anka ɔremma yɛnte biribi a ɛte sɛɛ nso.”+
31 Mma me wura nnhwie mogya nngu kwa,+ na w’ankasa woamfa wo nsa antɔ were+ anyɛ biribi anhaw w’ahonim, na anto me wura koma hintidua. Yehowa bɛyɛ me wura yiye, na ɛyɛ a kae+ w’afenaa.”
8 Sɛ manya ɔhene anim+ dom na ɔhene bɛpene so ayɛ nea mesrɛ na mihia ama me a, anka ɔhene ne Haman mmra pon a mɛtow ama wɔn ɔkyena no ase, na ɔkyena mɛyɛ nea ɔhene aka no.”+
26 Na onipa yi fii ase de akokoduru kasae wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila+ tee nea ɔreka no, wɔfaa no kaa wɔn ho kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pefee kyerɛɛ no.