Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Samuel 23:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Ɛte sɛ anɔpa hann, bere a owia pue,+

      Anɔpa a omununkum nni hɔ.

      Osu atɔ awie no, owia hyerɛn, na wura fifi asase so.’+

  • Dwom 97:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Hann ahyerɛn ama ɔtreneeni,+

      Ne ahurusidi ama komam teefo.+

  • Dwom 119:105
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,+

      Ne me kwan so hann.+

  • Daniel 12:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 “Na wo Daniel, to nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano+ kosi awiei bere no.+ Nnipa bebree bɛtweetwee mu,* na nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso.”+

  • Mateo 5:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “Mone wiase hann.+ Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw.

  • 1 Korintofo 13:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na seesei de yehu nneɛma kusukusu wɔ dade ahwehwɛ mu,+ nanso afei ɛbɛyɛ anim ne anim.+ Seesei me nimdeɛ nni mũ, nanso afei menya nimdeɛ a edi mu sɛnea me nso wonim me yiye no.+

  • 2 Korintofo 4:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Efisɛ Onyankopɔn na ɔkae sɛ: “Hann mfi sum mu nhyerɛn,”+ na ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ+ a ɛho wɔ nyam no ahyerɛn yɛn koma so+ ma emu ayɛ hann Kristo anim.+

  • 2 Petro 1:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm+ no mu den+ ama yɛn; na eye sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo komam kosi sɛ ade bɛkye ma adekyee nsoromma+ apue.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena