Mmebusɛm 13:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɔba a otie ne papa nteɛso no yɛ onyansafo,+ na ɔfɛwdifo ne nea ontie animka.+ Mmebusɛm 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Anigye na ɔtreneeni papa benya;+ na onyansafo papa nso bedi ne ho ahurusi.+ Mmebusɛm 27:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam,+ na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.+ Mmebusɛm 29:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Onipa a ɔdɔ nyansa ma ne papa di ahurusi,+ na nea ɔne nguaman bɔ no sɛe ade.+