2 Beresosɛm 24:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yehowa somaa adiyifo+ baa wɔn mu sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn daa, nanso wɔantie.+ Mmebusɛm 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛnea metan nteɛso+ na me koma buu ɔkasakyerɛ animtiaa!+ Yohane 3:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na obiara a ɔyɛ akyide+ no tan hann, na ɔmma hann ho na wɔanyi ne nnwuma ho ntɛn.+