Dwom 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔno ara ti so na ne haw bɛba,+Na ne mpampam na ne basabasayɛ bɛba.+ Mmebusɛm 1:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Na agyimfo akobɔsɛm+ bekum wɔn,+ na nkwasea ahohwisɛm bɛsɛe wɔn.+ Ɔsɛnkafo 9:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Eyi ne ɔbrɛ hunu nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu, sɛ́ awiei koro na ɛda hɔ ma obiara,+ enti nso na bɔne ahyɛ nnipa mma koma mã;+ abɔdansɛm+ wɔ wɔn komam, wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔde kɔ owu mu!+ Ɔsɛnkafo 10:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea otu amoa no, ɔno ara na ɔbɛtɔ mu,+ na nea odwiriw abo fasu no, ɔwɔ na ɛbɛka no.+
3 Eyi ne ɔbrɛ hunu nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu, sɛ́ awiei koro na ɛda hɔ ma obiara,+ enti nso na bɔne ahyɛ nnipa mma koma mã;+ abɔdansɛm+ wɔ wɔn komam, wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔde kɔ owu mu!+