Dwom 91:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mmusu biara remma wo so,+Na ɔhaw bi remmɛn wo ntamadan.+ Mmebusɛm 1:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Nea otie me no de, ɔbɛtena hɔ komm+ na ne ho adwo no a onsuro mmusu.”+ Mmebusɛm 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Adetrenee kora onipa a ne kwan yɛ pɛ so,+ na amumɔyɛ tutu ɔbɔnefo ase.+