Dwom 140:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nea ɔka nsɛnkɛse no, mma n’ase nntim asase so.+Onipa a ɔpɛ awudisɛm nso, bɔne na ma ɛntaa no.+ Mmebusɛm 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Abɔnefosɛm aduan na wodi,+ na amumɔyɛ nsã na wɔnom.+ Habakuk 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, aman a aka nyinaa nso bɛfow wo,+ efisɛ wokaa adesamma mogya gui, na woyɛɛ asase ne kurow ne emufo nyinaa atirimɔdenne.+ Adiyisɛm 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui,+ na woama wɔn mogya+ anom. Ɛsɛ wɔn.”+
8 Esiane sɛ woafow amanaman pii nti, aman a aka nyinaa nso bɛfow wo,+ efisɛ wokaa adesamma mogya gui, na woyɛɛ asase ne kurow ne emufo nyinaa atirimɔdenne.+