Hiob 40:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hwehwɛ ɔhantanni biara, brɛ no ase,+Na tiatia nnebɔneyɛfo so baabiara a wɔwɔ. Mmebusɛm 6:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 ani a ɛtra ntɔn,+ atoro tɛkrɛma,+ ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu,+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Mmebusɛm 21:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahantan aniwa ne ahantan koma+ ne abɔnefo kanea yɛ bɔne.+