Ɔsɛnkafo 12:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obenya nsɛm a ɛyɛ dɛ+ na wakyerɛw nsɛmpa a ɛyɛ nokware.+ Luka 4:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na wɔn nyinaa fii ase dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka koma+ a efi n’anom no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba ni?”+ 2 Korintofo 5:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Enti esiane sɛ yenim Awurade suro+ nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔte ase,+ na Onyankopɔn anim na wɔada yɛn adi. Nanso migye di sɛ wɔada yɛn adi mo ahonim+ nso mu. Kolosefo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Momma mo kasa ho mmra nyam+ bere nyinaa na nkyene+ mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua+ obiara.
22 Na wɔn nyinaa fii ase dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka koma+ a efi n’anom no maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba ni?”+
11 Enti esiane sɛ yenim Awurade suro+ nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔte ase,+ na Onyankopɔn anim na wɔada yɛn adi. Nanso migye di sɛ wɔada yɛn adi mo ahonim+ nso mu.