17 Nea wubewu no, ɛhɔ ara na mewu,+ na ɛhɔ ara nso na wobesie me. Gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam, anyɛ saa a Yehowa ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+
2 Nanso Saul ba Yonatan de, na ɔpɛ Dawid asɛm yiye.+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul rehwehwɛ wo akum wo. Enti mesrɛ wo hwɛ wo ho yiye anɔpa, na tena ahintawee mu baabi, na fa wo ho sie.+