Dwom 49:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so,+Na wɔde wɔn ahonyade bebree hoahoa wɔn ho no,+ Mmebusɛm 10:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den,+ na abrɛfo de, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+ Mmebusɛm 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahonyade so remma mfaso abufuw da,+ na trenee na ebegye onipa afi owu mu.+ Yeremia 9:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+
23 Nea Yehowa aka ni: “Mma onyansafo mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfo mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefo mmfa n’ahonyade nnhoahoa ne ho.”+