Genesis 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 nanso Kain ne n’afɔre no de, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuwii+ denneennen na okunkum n’anim. Mateo 27:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ná onim sɛ ahoɔyaw+ nti na wɔde no abrɛ no.+ Galatifo 5:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Mommma yɛmmpɛ anuonyamhunu, nnsi akan,+ mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.+ Yakobo 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Anaa mususuw sɛ kyerɛwsɛm no kaa no kwa sɛ: “Anibere ne ade a honhom+ a ɛte yɛn mu no kɔn dɔ”? 1 Yohane 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔnefo no mu na okum+ ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ na n’ankasa nnwuma yɛ bɔne,+ na ne nua no de teɛ.+
12 ɛnyɛ sɛ Kain a ofi ɔbɔnefo no mu na okum+ ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ na n’ankasa nnwuma yɛ bɔne,+ na ne nua no de teɛ.+