Dwom 138:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa korɔn, nanso ohu ɔhobrɛasefo;+Ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.+ Mmebusɛm 13:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Onipa ahantan de aperepere na ɛba,+ na wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.+ Galatifo 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee+ a, na ɔredaadaa ne ho. Yakobo 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Anuanom, momfa adiyifo+ a wɔkasaa Yehowa din mu+ no amanehunu+ ne wɔn ntoboase+ nyɛ nhwɛsode.+ 1 Petro 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+