Genesis 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 nanso Kain ne n’afɔre no de, n’ani ansɔ.+ Afei Kain bo fuwii+ denneennen na okunkum n’anim. Ester 5:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Saa da no bere a Haman fii adi no, na n’ani agye+ ma ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a ohuu Mordekai wɔ ɔhene pon ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ Haman bo fuwii.+ Mmebusɛm 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso,+ na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.+
9 Saa da no bere a Haman fii adi no, na n’ani agye+ ma ne koma atɔ ne yam. Nanso bere a ohuu Mordekai wɔ ɔhene pon ano+ hɔ a wansɔre+ na ne ho ampopo mpo no,+ Haman bo fuwii.+