Mmebusɛm 21:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Onyansafo foro kɔ nnɔmmarima kurow mu, na odwiriw ahoɔden a wɔde wɔn ho to so no gu.+ Mmebusɛm 24:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nea ɔde nyansa hwɛ n’ahoɔden so no yɛ ɔdɔmmarima,+ na onimdefo hyɛ ne ho den.+ Ɔsɛnkafo 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nyansa ma onyansafo nya ahoɔden sen kurow mu atumfoɔ du.+ Ɔsɛnkafo 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nyansa ye sen akode, na ɔdebɔneyɛfo biako pɛ betumi asɛe adepa bebree.+