Mmebusɛm 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,+ na wunnim nea ɛda de bɛba.+ Ɔsɛnkafo 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na hena na onim adepa a ɛwɔ hɔ ma onipa,+ ne nkwa nna huhuw no mu, bere a odi ne nna sɛ sunsuma+ no? Hena na ɔbɛkyerɛ onipa nea ebesi owia ase wɔ n’akyi?+ Ɔsɛnkafo 8:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Obi nnim ɔkyena asɛm,+ na nea ɛbɛba no, hena na obetumi akyerɛ sɛnea ɛbɛba? Yakobo 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 bere a munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Na moyɛ suwusiw a eyi ne ho adi bere tiaa bi na afei ɛyera.+
12 Na hena na onim adepa a ɛwɔ hɔ ma onipa,+ ne nkwa nna huhuw no mu, bere a odi ne nna sɛ sunsuma+ no? Hena na ɔbɛkyerɛ onipa nea ebesi owia ase wɔ n’akyi?+