Hiob 10:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wode were ne honam duraa me ho,Na wode nnompe ne ntini nwenee me boom.+ Dwom 139:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Wo na woyɛɛ m’asaabo;+Wode me siee me maame yam.+ Dwom 139:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Me nnompe anhintaw wo+Bere a woyɛɛ me ahintawee mu,+Bere a wonwenee me asase yam tɔnn+ no. Yeremia 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Bere a minnya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na minim wo,+ na wunnya mfii awotwaa mu mmae no na metew wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”
5 “Bere a minnya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na minim wo,+ na wunnya mfii awotwaa mu mmae no na metew wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.”