Hiob 11:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 So wubetumi ahu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mu?+Anaa wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfoɔ no kɛseyɛ mu? Hiob 26:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi,+Na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!N’aprannaa kɛse no de, hena na obetumi ate ase?”+ Dwom 40:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+ Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.+ Ɔsɛnkafo 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na mihuu nokware Nyankopɔn no nnwuma nyinaa,+ sɛ adesamma ntumi nhu adwuma a wɔayɛ owia ase no;+ adesamma brɛ wɔn ho daa hwehwɛ mu, nanso wonhu.+ Sɛ wɔka sɛ wɔyɛ anyansafo nti wobehu+ mpo a, wɔrenhu.+ Romafo 11:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya+ ne nyansa+ ne nimdeɛ mu dɔ fa!+ Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu,+ na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!
7 So wubetumi ahu Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ mu?+Anaa wubetumi ahu ade nyinaa so Tumfoɔ no kɛseyɛ mu?
14 Hwɛ! Eyinom yɛ ne nnwuma mu ketewaa bi,+Na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!N’aprannaa kɛse no de, hena na obetumi ate ase?”+
5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+ Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.+
17 Na mihuu nokware Nyankopɔn no nnwuma nyinaa,+ sɛ adesamma ntumi nhu adwuma a wɔayɛ owia ase no;+ adesamma brɛ wɔn ho daa hwehwɛ mu, nanso wonhu.+ Sɛ wɔka sɛ wɔyɛ anyansafo nti wobehu+ mpo a, wɔrenhu.+
33 O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya+ ne nyansa+ ne nimdeɛ mu dɔ fa!+ Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu,+ na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!