1 Beresosɛm 29:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye. Hiob 1:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 1 Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔteɛ;+ ná osuro Onyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+ Dwom 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Ma Yehowa ntua me ka sɛnea me trenee te;+Sɛnea me nsa ho tew wɔ n’anim no, ontua me ka.+ Mmebusɛm 20:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔtreneeni nam ne mũdi* mu.+ Anigye ne ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi.+
17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye.
1 Ɔbarima bi tenaa Us+ asase so a wɔfrɛ no Hiob;+ ná ɔyɛ onipa a ne ho nni asɛm,+ na ɔteɛ;+ ná osuro Onyankopɔn,+ na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.+