18 Na me ne wuram mmoa, ne wim nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam saa da no ama wɔn,+ na mebubu agyan ne nkrante mu na mayi akodi afi asase no so,+ na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+
10 Na metwitwa teaseɛnam mu afi Efraim ne ɔpɔnkɔ mu afi Yerusalem.+ Na wobetwitwa akodi agyan+ mu. Na ɔbɛka asomdwoesɛm akyerɛ aman.+ Na obedi hene afi po so akɔ po so, afi asubɔnten kɛse no ano akosi asase ano.+