Dwom 89:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Anigye ne ɔman a wɔto ahurusi dwom.+O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnantew daa.+ Yesaia 60:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Afei de, ɛnyɛ owia na ɛbɛma wo hann awiabere, na ɛnyɛ ɔsram hann na ɛbɛhyerɛn wo so. Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’anuonyam.+ 1 Yohane 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nanso sɛ yɛnam hann mu sɛnea ɔno ankasa wɔ hann+ mu no a, ɛnde na ayɔnkofa wɔ yɛn ntam,+ na ne Ba Yesu mogya+ hohoro+ yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.+ Adiyisɛm 21:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na kurow no nhia owia ne ɔsram hann, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+
19 Afei de, ɛnyɛ owia na ɛbɛma wo hann awiabere, na ɛnyɛ ɔsram hann na ɛbɛhyerɛn wo so. Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+ na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’anuonyam.+
7 Nanso sɛ yɛnam hann mu sɛnea ɔno ankasa wɔ hann+ mu no a, ɛnde na ayɔnkofa wɔ yɛn ntam,+ na ne Ba Yesu mogya+ hohoro+ yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.+
23 Na kurow no nhia owia ne ɔsram hann, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+