Yeremia 18:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɛnna wɔkae sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔw,+ efisɛ mmara renyera mfi asɔfo nkyɛn,+ na afotu remfi anyansafo nsam, na asɛm rempa adiyifo anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn tɛkrɛma+ mmoro no, na mommma yenntie n’asɛm biara.” Mika 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne ne wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn mpa so no nnue!+ Nea ehia ara ne sɛ ade akye na wogu so,+ efisɛ tumi wɔ wɔn nsam.+ Luka 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Enti na akyerɛwfo ne Farisifo no rehwɛ+ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yare homeda na wɔanya ɔkwan bi afa so abɔ no sobo.+ Luka 20:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ nea wɔteɛ, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+
18 Ɛnna wɔkae sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔw,+ efisɛ mmara renyera mfi asɔfo nkyɛn,+ na afotu remfi anyansafo nsam, na asɛm rempa adiyifo anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn tɛkrɛma+ mmoro no, na mommma yenntie n’asɛm biara.”
2 “Wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne ne wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn mpa so no nnue!+ Nea ehia ara ne sɛ ade akye na wogu so,+ efisɛ tumi wɔ wɔn nsam.+
7 Enti na akyerɛwfo ne Farisifo no rehwɛ+ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yare homeda na wɔanya ɔkwan bi afa so abɔ no sobo.+
20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ nea wɔteɛ, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+